ƐYƐ Ghana efisƐ, wohwƐ abibrim atƆefam ha a, wƆn na wodii kan gyee wƆn faahodi fii
Nnyiresi AborƆfo nsam, Ɔsaagyefo Kwame Nkrumah bre so wƆ afe apem ahan kron
eduosia mu (1960). Saa y3 mu no, ƐhyƐƐ aman nkae no nso ma wƆ koo Ɔkoden.
Ghanafo Frankaa mu ahyƐ nso, nsoroma tumtum no mpo y3 adansedi k3se ma
abibirem faahodi.
SƐ nea Ɔman Ghana bƆbea te no; SakasakayƐ nni mu bebree, nanso aman mpanyinfo
nnhyehyƐe bƆne nti, ahiafo ne kataasehyƐ ayƐ mu ma. Eyi ama temanmufo yi atutu
akwan akƆ aman ahorow so kƆpƐ asetena pa. Dodow no fi (Nigeria, Burkina Faso, Togo
ne Mali). Ne saa nti Ghana abƐyƐ Ɔman a amanframanfrafo dƆƆso wƆ mu pii.
Ghana ka kasa ahorow bƐyƐ aduanan (40). Na emu no, Ɔman no gye mu bƐyƐ du
baako(11) to mu; Ga, Akan,(Asante Twi, AkuapimTwi, Mfantse ne Nzema), Mole
Dagbani,(Dagare ne Dagbanli), Ewe, Dangme, Guan ne Kasem. Ne nyinaa mu no nea
yƐde di dwuma sƐ Ɔman wƆ amanhorow so ne BrƆfo Kasa.
YƐn kuw yi di dwuma titiriw wƆ Apueimantam a ƐwƆ AtƆe fam, Ghana. ƐwƆ Asu Firaw
Apuei fam, Brong ne Ahafomantam, Ɛne Asante mantam Atifi fam, Asante mantam AtƆe
fam, Mfinfini mantam ne Nkran Punpuni mantam.
Akanfo ne nnipa kuw titiriw mmpƆtam a yedi dwuma yi. WƆn kasa titiriw ne Akan
(AkuapimTwi) ne BrƆfo Kasa. YƐn kuW yi Wɔ Apuei mantam kuropƆn Koforidua mu.